settings icon
share icon
Asɛmbisa

So wowɔ daa nkwa?

Mmuaeɛ


Twerɛ Kronkron kyerɛ kwan turoduu a ɛde kɔ daa nkwa mu. Deɛ edi kan; ɛsɛ sɛ yɛgye di sɛ yɛayɛ bɔne atia Onyankopɔn. Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Nyankopɔn animuoyam abɔ wɔn’ (Romanfoɔ 3:23). Wɔn nyinaa ayɛ biribi a anso Nyankopɔn ani, a anka ɛsɛ sɛ yɛnnya ho asotwe. Esiane sɛ, Nyankopɔn te ase daa nti, sɛ n’asotwe nso te ara no no. ‘Na bɔne akatua ne owuo; Onyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa, yɛn Adwurade Kristo Yesu mu’ (Romanfoɔ 6:23).

Nanso Yesu Kristo a bɔne nni ne mu (1 Petro 2:22), Nyankopɔn ba (Yohane 1:1,14) bɛwu tua yɛn bɔne so ka maa yɛn. Na Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ,, ɛfiri sɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn (Romanfoɔ 5:8). Nnansa akyi ɔsɔre firii awufoɔ mu (1 korintofoɔ 15:1-4), dii owuo ne asaman so nkunim. ‘Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne agya a ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔreɛ a ɔfiri awufoɔ mu sɔreeɛ no so awo yɛn foforɔ kɔ anidasoɔ a emu wɔ nkwa mu’ (1 Petro 1:3).

Ɛsɛ sɛ yɛsakyera yɛn adwene wɔ Kristo ho – Yesu koraa ne hwan, ɛdeɛ na ɔyɛ maa yɛn, na ɛdeɛn nti na ɔyɛɛ - mmuaeɛ ne sɛ, yɛn nkwagyeɛ ntira. (Asomafoɔ no nnwuma 3:19). Sɛ yɛde yɛn ho to no so, na yɛgye di sɛ n’asennua so wuo no bɛtumi atua yɛn bɔne so ka a, ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn na yɛnya daa nkwa. Twerɛ Kronkron sɛ: Na sɛdeɛ Onyakopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obira a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa’ (Yohane 3:16). ‘Na sɛ wode w’ano pae mu ka sɛ Yesu ne Awurade, na wode w’akoma gye di sɛ Onyankopɔn anyene no afiri awufoɔ mu a, wɔbɛgye wo nkwa’ (Romanfoɔ 10:9). Asɛnnua no so adwuma a Yesu wieeɛ no so gyidie nko ara ne nokorɛ kwan a ɛde kɔ nkwagyeeɛ mu. ‘Na Adom na wɔde nam gyidie so agye mo nkwa, ɛmfiri nnwuma mu, na obiara anhoahoa ne ho’ (Efesofoɔ 2:8-9)

Sɛ wopɛ sɛ wogye Yesu sɛ wo kra agyenkwa a, bɔ saa mpaeɛ wei. Kae sɛ, worebɔ saa mpaeɛ yi anaa mpaeɛ foforɔ bi ntumi nnye wo nkwa. Kristo mu gyidie nko ara na ɛtumi gye nnipa nkwa. Saa mpaeɛ yi yɛ ɔkwan a wonam Nyankopɔn mu gyidie a wowɔ de reda no ase sɛ wɔ wo nkwagyeɛ ho. ‘Awurade Nyankopɔn, menim sɛ mayɛ bɔne atia wo a anka asotwe na ɛsɛ me. Nanso megye di sɛ Yesu Kristo atua m’asotwe so ka na menam ne mu gyidie so anya bɔne fafire. Megye bɔnefafire ɛnam Yesu so ba no, na megye di sɛ wobɛma me ahoma ama me kra. Mefa Yesu sɛ me kra agyenkwa! Meda wo ase wɔ adom ne fafirie sonowonko a me nsa aka - akyɛdeɛ a ɛte ase daa no nti! Amen!’

Nea wokenkan yi ama wasi gyinaeɛ sɛ wobɛdi Yesu akyi anaa? Sɛ ɛte saa, mia asɛm a ɛse ‘Megye Kristo adi nni da yi’ yi so.

English



San kɔ baabi a Twi wɔ no

So wowɔ daa nkwa?
© Copyright Got Questions Ministries