settings icon
share icon
Asɛmbisa

Wanya bɔne fafire? ɛbɛyɛ dɛn na Nyankopɔn de me bɔne nyinaa akyɛ me?

Mmuaeɛ


Asamafoɔ nnwuma 13:38 sɛ; ‘Enti anuanom, monhunu sɛ ɛnam oyi so na wɔka bɔne fafirie kyerɛ mo.’

Ɛdeɛn ne bɔnefafire na aden nti na mehia?

Asɛmfua ‘fafire’ kyerɛ sɛ pepa, fakyɛ, anaa twam. Sɛ yɛyɛ obi bɔne a, yɛsrɛ bɔne fakyɛ na ama yɛne onii korɔ no ntam adwo. Ɛwom sɛ yɛsrɛ bɔnefafirie deɛ, nanso ɛsɛ sɛ yɛhunu sɛ bɔnefafire gyina ɔdɔ, mmɔborohunu ne adom so. Bɔnefakyɛ ne sɛ, obi afom wo na woamfa ne mfomsoɔ anhyɛ wo trim.

Twerɛ Kronkron ka sɛ nnipa nyinaa hia bɔnefafire from Onyankopɔn nkyɛn. Yɛn nyinaa ayɛ bɔne. Ɔsɛnkafoɔ 7:20 ka sɛ, ‘Na onipa tenenee biara nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.’ 1 Yohane 1:8 sɛ, Sɛ yɛka sɛ yɛnni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokorɛ no nni yɛn mu.’ Bɔne nyinaa yɛ animtia a yɛbu Nyankopɔn. (Nnwom 51:4) Ne saa nti na yɛhia Nyankopɔn ho bɔnefafirie. Sɛ Onyankopɔn amfa yɛn bɔne amfiri yɛn a, ɛnneɛ amanehunu kurom na yɛwie yɛn wia yi ase tene a yɛbɛkɔ. (Mateo 25:46; John 3:36).

Bɔnefafirie - Ɛbɛyɛ dɛn na me nsa aka?

Anigyesɛm ne sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔdɔ ne mmɔborohunufoɔ - ne yam hyehye no sɛ ɔde yɛn bɔne bɛfiri yɛn! 2 Petro 3:9 ma yɛte aseɛ sɛ, ‘ Awurade nkyɛre ne bɔhyɛ ho, sɛdeɛ ɛbinom bu no sɛ ɛkyɛreɛ, na mmom ɔma nebo dwo kyɛre ma mo, ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakyera mu.’ Nyankopɔn pɛ sɛ ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn, ɛnti na bɔnefafirie wɔ hɔ.

Bɔne so akatua ne owuo. Romanfoɔ 6:23 fa a ɛdi kan no sɛ: ‘ bɔne akatua ne owuo…’ Owuo na adeɛ yɛnnya esiane yɛn bɔne nti. Nanso Onyankopɔn nam ɔno ara ne nhyehyɛeɛ pa so bɛyɛɛ onipa, (Yohane 1:1;14) wuo wɔ asennua so maa yɛn. 2 Korintofoɔ 5:21 kyerɛ yɛn sɛ, ‘ ɛfiri sɛ deɛ ɔnnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Nyankopɔn tenenee, ɔno mu.’ Yesu faa asotwe a anka ɛsɛ yɛn no wuo asennua so maa yɛn. Sɛ ɔyɛ Nyame nti ne wuo no de bɔnefafarie ho akwannya aba wiase. 1 Yohane 2:2 ka sɛ, ‘Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn deɛ ho nko, na mmom wiase nyinaa deɛ ho bi.’ Yesu wuo ne ne wusɔreɛ no na ama no adi bɔne ne owuo so nkonim. (1 Korintofoɔ 15:1-28). Aseda nko Nyankopɔn sɛ wasɔre afiri awufuɔ me adi owuo so nkunim. Wei nso ma Romanfoɔ 6:23 fa ɛso so mmienu no nso yɛ nokorɛ sɛ, ‘Na Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa, yɛn awurade Kristo Yesu mu.’

So wopɛ sɛ ɔde wo bɔne firi wo? So bɔne bi hyɛ wo so anaa? Menua, sɛ wobɛfa Yesu sɛ wo kra agyenkwa deɛ a, bɔnefafire wɔ hɔ ma wo. Efesofoɔ 1:7 sɛ, ‘Ɔno ara ne mu na yɛanyɛ ɔgyeɛ a ɛnam ne mogya soɔ, ɛne mfomsoɔ fafarie no, n’adom bebree…’ Yesu tua yɛn ka maa yɛn,sɛdeɛ yɛbɛnya bɔnefafirie. Deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wobɛgye Yesu adi sɛ wotua wo bɔne so ka ama wo, na wofa saa gyidie no so bisa Nyankopɔn ho bɔnefafarie. Nsɛm yi nyinaa yɛ mua wɔ Yohane Asɛmpa 3:16-17 ‘Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa. Na Onyankopɔn ansoma ɔba no wiase sɛ ɔmmɛbu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa ne so nnye wiase.’

Bɔnefafirie – so saa na ɛteɛ?

Aane sei ara na ɛteɛ! Wontumi ntua wobɔne so ka. Nanso wonam gyidie ne Onyankopɔn adom ne ne mmɔborohunu so bɛtumi anya no kwa. Sɛ wopɛ sɛ wofa Yesu sɛ wo kra agyenkwa na wonya bɔnefafirie firi Nyankopɔn nkyɛn a bɔ saa mpaeɛ yi. Kae sɛ, worebɔ saa mpaeɛ yi anaa foforɔ bi ntumi nnye wo nkwa. Kristo mu gyedie nko ara na ɛtumi mma nnipa bɔnefafirie. Saa mpaeɛ yi yɛ ɔkwan a wonam Nyankopɔn mu gyedie a wowɔ de reda no ase sɛ bɔnefafarie ho akwannya wɔ hɔ. ‘Awurade Nyankopɔn, menim sɛ mayɛ bɔne atia wo a anka asotwe na ɛsɛ me. Nanso megye di sɛ Yesu Kristo atua m’asotwe so ka na menam ne mu gyidie so bɛnya bɔne fafirie. Mede me ho to wo nkwagyeɛ no so. Meda wo ase wɔ w’adom ne bɔnefafirie sonowonko a me nsa aka yi nti, Amen!’

Nea wokenkan yi ama wasi gyinaeɛ sɛ wobɛdi Yesu akyi anaa? Sɛ ɛte saa, mia asɛm a ɛse ‘Megye Kristo adi nni da yi’ yi so.

English



San kɔ baabi a Twi wɔ no

Wanya bɔne fafire? ɛbɛyɛ dɛn na Nyankopɔn de me bɔne nyinaa akyɛ me?
© Copyright Got Questions Ministries